Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 18
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yehosafat ne Ahab yɛɛ apam (1-11)

      • Mikaia hyɛɛ nkɔm sɛ wobedi nkogu (12-27)

      • Wokum Ahab wɔ Ramot-Gilead (28-34)

2 Beresosɛm 18:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 17:5
  • +1Ah 16:28, 33; 21:25

2 Beresosɛm 18:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔne no kae ara ma ɔtee ase.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:2-4; 2Be 19:2
  • +De 4:41-43; 1Be 6:77, 80

2 Beresosɛm 18:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 2:1; 1Ah 22:5, 6

2 Beresosɛm 18:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 3:11
  • +1Ah 22:7, 8

2 Beresosɛm 18:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 18:4; 19:9, 10
  • +Yer 38:4

2 Beresosɛm 18:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:9-12

2 Beresosɛm 18:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “bepiapia.”

2 Beresosɛm 18:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mik 3:5

2 Beresosɛm 18:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 30:9, 10
  • +1Ah 22:13-17

2 Beresosɛm 18:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yer 23:28; Aso 20:27

2 Beresosɛm 18:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17; Nu 27:16, 17

2 Beresosɛm 18:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:18

2 Beresosɛm 18:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 6:1; Hes 1:26; Adi 20:11
  • +Hio 1:6; Da 7:9, 10
  • +1Ah 22:19-23

2 Beresosɛm 18:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbɔfo.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 104:4

2 Beresosɛm 18:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 19:14; Hes 14:9

2 Beresosɛm 18:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 18:10
  • +2Be 18:7
  • +Yer 20:2; Mr 14:65
  • +1Ah 22:24-28

2 Beresosɛm 18:26

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ne paanoo.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 16:10; Aso 5:18

2 Beresosɛm 18:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 16:29

2 Beresosɛm 18:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 20:8; 1Ah 22:29-33; 2Be 18:2

2 Beresosɛm 18:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:10; 2Be 13:14

2 Beresosɛm 18:33

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “tow n’agyan a n’ani nna.”

  • *

    Nt., “nsraban yi mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 22:34, 35

2 Beresosɛm 18:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 18:22

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 18:12Be 17:5
2 Be. 18:11Ah 16:28, 33; 21:25
2 Be. 18:21Ah 22:2-4; 2Be 19:2
2 Be. 18:2De 4:41-43; 1Be 6:77, 80
2 Be. 18:42Sa 2:1; 1Ah 22:5, 6
2 Be. 18:62Ah 3:11
2 Be. 18:61Ah 22:7, 8
2 Be. 18:71Ah 18:4; 19:9, 10
2 Be. 18:7Yer 38:4
2 Be. 18:81Ah 22:9-12
2 Be. 18:11Mik 3:5
2 Be. 18:12Yes 30:9, 10
2 Be. 18:121Ah 22:13-17
2 Be. 18:13Yer 23:28; Aso 20:27
2 Be. 18:16Le 26:14, 17; Nu 27:16, 17
2 Be. 18:171Ah 22:18
2 Be. 18:18Yes 6:1; Hes 1:26; Adi 20:11
2 Be. 18:18Hio 1:6; Da 7:9, 10
2 Be. 18:181Ah 22:19-23
2 Be. 18:20Dw 104:4
2 Be. 18:22Yes 19:14; Hes 14:9
2 Be. 18:232Be 18:10
2 Be. 18:232Be 18:7
2 Be. 18:23Yer 20:2; Mr 14:65
2 Be. 18:231Ah 22:24-28
2 Be. 18:262Be 16:10; Aso 5:18
2 Be. 18:27Nu 16:29
2 Be. 18:28Yos 20:8; 1Ah 22:29-33; 2Be 18:2
2 Be. 18:31Ex 14:10; 2Be 13:14
2 Be. 18:331Ah 22:34, 35
2 Be. 18:342Be 18:22
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 18:1-34

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

18 Yehosafat nyaa ahonyade ne anuonyam pii,+ nanso ɔmaa ne busuani kɔwaree wɔ Ahab fi.+ 2 Enti mfe bi akyi no, ɔkɔɔ Ahab nkyɛn wɔ Samaria,+ na Ahab de nguan ne anantwi bebree bɔɔ afɔre maa ɔne nnipa a wɔka ne ho no. Na ɔne no kae ara* sɛ ɔne no nkɔ Ramot-Gilead so.+ 3 Asɛm a Israel hene Ahab bisaa Yuda hene Yehosafat ne sɛ: “Wo ne me bɛkɔ Ramot-Gilead so anaa?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako, na me man ne wo man nso yɛ baako, enti yɛtaa w’akyi wɔ ɔko no mu.”

4 Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Mesrɛ wo, bisa Yehowa anom asɛm ansa.”+ 5 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifo mmarima 400 ano, na obisaa wɔn sɛ: “Yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa minnyae?” Na wɔkae sɛ: “Kɔ, na nokware Nyankopɔn no de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”

6 Ɛnna Yehosafat bisae sɛ: “Yehowa diyifo biara nni ha anaa?+ Yɛmma ɔno nso mmisa mma yɛn.”+ 7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɔbaako da so wɔ hɔ+ a yebetumi ama ɔno nso abisa Yehowa anom asɛm ama yɛn, nanso mempɛ n’asɛm koraa efisɛ ɔnhyɛɛ me ho nkɔm pa biara da; me ho nkɔm bɔne nko ara na daa ɔhyɛ.+ Ɔno ne Yimla ba Mikaia.” Nanso Yehosafat ka kyerɛɛ no sɛ: “Mma ɔhene nnka saa.”

8 Enti Israel hene frɛɛ ahemfi mpanyimfo no baako, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm frɛ Yimla ba Mikaia brɛ me.”+ 9 Saa bere no, na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn nhengua so hyehyɛ wɔn ahentaade wɔ Samaria kurow pon ano awiporowbea hɔ, na adiyifo no nyinaa gyinagyina wɔn anim rehyɛ nkɔm. 10 Na Kenaana ba Sedekia de dade yɛɛ mmɛn, na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Eyi na wode bɛpempem* Siriafo no de akosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’” 11 Adiyifo nkae no nyinaa nso hyehyɛɛ nkɔm koro no ara sɛ: “Kɔ Ramot-Gilead so, na wubedi nkonim;+ Yehowa de wɔn bɛhyɛ ɔhene nsa.”

12 Na nea wɔsomaa no sɛ ɔnkɔfrɛ Mikaia mmra no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adiyifo no nyinaa aka asɛmpa akyerɛ ɔhene, enti mesrɛ wo, ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn de no,+ na ka asɛmpa.”+ 13 Nanso Mikaia kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno ara na me nso mɛka.”+ 14 Bere a obeduu ɔhene anim no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mikaia, yɛne Ramot-Gilead nkɔko anaa minnyae?” Ɛhɔ ara na obuaa ɔhene sɛ: “Monkɔ na mubedi nkonim; wɔde wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 15 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Mpɛn ahe na wopɛ sɛ mema woka ntam sɛ nokware nkutoo na wobɛka wɔ Yehowa din mu akyerɛ me?” 16 Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ, mihu Israel sɛ wɔn nyinaa ahwete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo.+ Yehowa se: ‘Eyinom nni wura. Enti ma obiara nsan nkɔ ne fi asomdwoe mu.’”

17 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Ɛnyɛ asɛm a mekae no na ɛda hɔ yi, sɛ ‘ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa, na mmom nkɔm bɔne’?”+

18 Ɛnna Mikaia kae sɛ: “Afei muntie Yehowa anom asɛm: Mihuu Yehowa sɛ ɔte n’ahengua so+ a ɔsoro asafodɔm nyinaa+ gyinagyina ne nifa ne ne benkum.+ 19 Na Yehowa bisae sɛ, ‘Hena na ɔbɛkɔ akɔdaadaa Israel hene Ahab ma wakodi nkogu wɔ Ramot-Gilead?’ Afei oyi ka sɛɛ, na oyi nso aka sɛɛ. 20 Ɛnna honhom* bi+ begyinaa Yehowa anim kae sɛ: ‘Me na mɛkɔ akɔdaadaa no.’ Yehowa bisaa no sɛ, ‘Ɔkwan bɛn na wobɛfa so?’ 21 Ɔno nso buae sɛ, ‘Mɛkɔ akɔyɛ atoro honhom wɔ n’adiyifo nyinaa anom.’ Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ, ‘Wubetumi adaadaa no ampa; nea worekɔyɛ no, ɛbɛyɛ yiye. Kɔ na kɔyɛ saa.’ 22 Enti hu sɛ Yehowa de atoro honhom na ahyɛ w’adiyifo yi anom,+ nanso mmusu na Yehowa aka afa wo ho.”

23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia+ twiw bɛn Mikaia,+ na ɔbɔɔ no sotɔre+ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam twaa me ho ne wo bɛkasae?”+ 24 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛhyɛn pia mu akohintaw no na wubehu baabi a ɛnam bae.” 25 Ɛnna Israel hene kae sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kurow sohwɛfo Amon ne ɔhene ba Yoas. 26 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Nea ɔhene aka ni: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na montew n’aduan* ne ne nsu so nkosi sɛ mɛsan aba asomdwoe mu.”’” 27 Ɛnna Mikaia kae sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoe mu paa a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasae.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”

28 Enti Israel hene ne Yuda hene Yehosafat kɔɔ Ramot-Gilead so.+ 29 Ɛnna Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: “Mɛsakra me ho akɔ akono, nanso wo de, hyɛ w’ahentaade.” Enti Israel hene sakraa ne ho na wɔkɔɔ akono. 30 Ná Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam so asahene no sɛ: “Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko, momfa mo ani nsi Israel hene nko ara so.” 31 Na bere a nteaseɛnam so asahene no huu Yehosafat pɛ, wɔkae sɛ: “Israel hene no ni.” Enti wɔkɔɔ no so sɛ wɔne no rekɔko. Ɛnna Yehosafat fii ase su hwehwɛɛ ogyefo,+ enti Yehowa boaa no, na ɛhɔ ara na Onyankopɔn ma wogyaee n’akyi di. 32 Bere a nteaseɛnam so asahene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no, ntɛm ara na wɔdan wɔn ho, na wɔanni n’akyi bio.

33 Na ɔbarima bi tow n’agyan, na ɛfom* kɔwɔɔ Israel hene wɔ ne dade ataade no mpamee so. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ nea ɔreka teaseɛnam no sɛ: “Dan wo ho na fa me fi akono ha* kɔ, na wɔapira me pira bɔne.”+ 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa, na wosusoo Israel hene mu gyinaa teaseɛnam no mu de n’ani kyerɛɛ Siriafo no kosii anwummere. Owui bere a owia akɔtɔ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena