Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 23
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Yehoiada de ne ho gyee mu ma wosii Yehoas hene (1-11)

      • Wokum Atalia (12-15)

      • Yehoiada pagyaw Onyankopɔn som (16-21)

2 Beresosɛm 23:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:4

2 Beresosɛm 23:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 8:14

2 Beresosɛm 23:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:3
  • +2Sa 7:8, 12; 1Ah 2:4; 9:5; Dw 89:20, 29

2 Beresosɛm 23:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 24:3
  • +2Ah 11:5-8; 1Be 9:22-25; 26:1

2 Beresosɛm 23:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:1
  • +1Ah 7:12

2 Beresosɛm 23:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:28, 32

2 Beresosɛm 23:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “Ɔhene nkɔree ne ne mmae mu.”

2 Beresosɛm 23:8

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:9-12
  • +1Be 24:1; 26:1

2 Beresosɛm 23:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:7
  • +1Be 26:26, 27; 2Be 5:1
  • +2Ah 11:4

2 Beresosɛm 23:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɔɔ no ahemmotiri.”

  • *

    Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nhoma mmobɔwee a Onyankopɔn Mmara no wom.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:2
  • +De 17:18
  • +1Sa 10:1, 24

2 Beresosɛm 23:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:13-16

2 Beresosɛm 23:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “n’adum ho.”

  • *

    Ɛkyerɛ pɔw bɔne a nkurɔfo bɔ wɔ obi ho.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 23:1
  • +1Ah 1:39, 40

2 Beresosɛm 23:15

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfi.”

2 Beresosɛm 23:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:17, 18; 2Be 34:1, 31

2 Beresosɛm 23:17

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “abosomfi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 10:27, 28
  • +De 12:3; 2Be 34:1, 4
  • +De 13:5; 1Ah 18:40

2 Beresosɛm 23:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:6, 30, 31
  • +Ex 29:38; Nu 28:2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    1/1/1985, kr. 21-22

2 Beresosɛm 23:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 9:26; 26:1, 13

2 Beresosɛm 23:20

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:9
  • +1Ah 7:7; 2Ah 11:19, 20

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 23:12Ah 11:4
2 Be. 23:22Be 8:14
2 Be. 23:32Sa 5:3
2 Be. 23:32Sa 7:8, 12; 1Ah 2:4; 9:5; Dw 89:20, 29
2 Be. 23:41Be 24:3
2 Be. 23:42Ah 11:5-8; 1Be 9:22-25; 26:1
2 Be. 23:51Ah 7:1
2 Be. 23:51Ah 7:12
2 Be. 23:61Be 23:28, 32
2 Be. 23:82Ah 11:9-12
2 Be. 23:81Be 24:1; 26:1
2 Be. 23:92Sa 8:7
2 Be. 23:91Be 26:26, 27; 2Be 5:1
2 Be. 23:92Ah 11:4
2 Be. 23:112Ah 11:2
2 Be. 23:11De 17:18
2 Be. 23:111Sa 10:1, 24
2 Be. 23:122Ah 11:13-16
2 Be. 23:132Be 23:1
2 Be. 23:131Ah 1:39, 40
2 Be. 23:162Ah 11:17, 18; 2Be 34:1, 31
2 Be. 23:172Ah 10:27, 28
2 Be. 23:17De 12:3; 2Be 34:1, 4
2 Be. 23:17De 13:5; 1Ah 18:40
2 Be. 23:181Be 23:6, 30, 31
2 Be. 23:18Ex 29:38; Nu 28:2
2 Be. 23:191Be 9:26; 26:1, 13
2 Be. 23:202Ah 11:9
2 Be. 23:201Ah 7:7; 2Ah 11:19, 20
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 23:1-21

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

23 Afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada nyaa akokoduru ne ɔhaha so mpanyimfo yi yɛɛ apam:+ Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat. 2 Afei wokokyinkyin Yuda baabiara boaboaa Lewifo+ a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa mu ne Israel agyanom abusuafi mpanyimfo ano. Bere a wobehyiaam wɔ Yerusalem no, 3 bagua no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam+ wɔ nokware Nyankopɔn no fi hɔ; ɛnna Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Hwɛ! Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ Dawid mma ho no, ɔhene ba no na obedi hene.+ 4 Nea monyɛ ni: Asɔfo ne Lewifo a wɔbɛba abɛyɛ adwuma+ Homeda no, monkyɛ wɔn mu abiɛsa na momma nkyem baako nyɛ apon ano ahwɛfo;+ 5 nkyem baako nso nkɔ ɔhene fi,*+ na nkyem baako a aka no nkɔ Nnyinaso Pon no ano, na ɔman no nyinaa nhyiam wɔ Yehowa fi adiwo hɔ.+ 6 Mommma obiara nnhyɛn Yehowa fi hɔ, gye asɔfo ne Lewifo a wɔresom no.+ Wɔn de wobetumi ahyɛn mu efisɛ wɔyɛ nnipa kronkron, na ɔmanfo no nyinaa nso, momma wonni Yehowa nhyehyɛe so. 7 Lewifo no mfa wɔn akode nkurakura wɔn nsam na wontwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba ofi no mu no, wonkum no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”

8 Lewifo no ne Yuda nyinaa yɛɛ nea ɔsɔfo Yehoiada kae no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no+ bae, efisɛ ɔsɔfo Yehoiada amma akuw a wɔawie wɔn nnwuma no ankɔ.+ 9 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada de Ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm akɛse ne akyɛm nketewa*+ a ɛwɔ nokware Nyankopɔn no fi hɔ+ no maa ɔhaha so mpanyimfo no.+ 10 Afei ɔmaa ɔmanfo no nyinaa faa wɔn akode kurakuraa wɔn nsam, na ɔde wɔn gyinagyinaa ofi no benkum ne ne nifa so ne afɔremuka no ho ne ofi no ho, na wotwaa ɔhene no ho hyiae. 11 Ɛnna wɔde ɔhene ba no pue bae,+ na wɔhyɛɛ no ahenkyɛw,* na wɔde Adanse nhoma*+ no too ne ti so, na wosii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, ɛnna wɔkae sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+

12 Bere a Atalia tee sɛ ɔmanfo no retu mmirika na wɔrebɔ gye ɔhene no so no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn wɔ Yehowa fi hɔ.+ 13 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ogyina abobow ano adum no baako ho* yi! Saa bere no, na mpanyimfo+ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurusi+ na wɔrehyɛn ntorobɛnto, na nnwontofo a wokurakura asanku di osebɔ no anim. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataade mu, na ɔteɛɛm sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 14 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada maa ɔhaha so mpanyimfo a wɔdeda asraafo ano no fii adi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfi nnipa no mu, na obiara a obedi n’akyi no, momfa sekan nkum no!” Nea ɛte ne sɛ, na ɔsɔfo no aka sɛ: “Munnkum no wɔ Yehowa fi.” 15 Enti wɔyeree no, na bere a wɔde no duu Apɔnkɔ Pon no ano wɔ ɔhene fi* hɔ no, ntɛm ara na wokum no wɔ hɔ.

16 Ɛnna Yehoiada ne ɔman no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa.+ 17 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fi* kodwiriw gui,+ na wobubuu n’afɔremuka ne n’ahoni,+ na Baal sɔfo Matan nso, wokum no+ wɔ afɔremuka no anim. 18 Afei Yehoiada de Yehowa fi hɔ biribiara hyɛɛ asɔfo ne Lewifo no nsa. Wɔn na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu de wɔn sisii Yehowa fi so sɛ wɔmmɔ Yehowa ɔhyew afɔre+ no sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara mu no.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔde ahurusi ne nnwonto yɛ no sɛnea Dawid hyehyɛe no. 19 Afei nso, ɔde apon ano ahwɛfo+ no gyinagyinaa Yehowa fi apon ano sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ne ho ntew wɔ ade biara mu remma mu. 20 Ɛnna ɔfaa ɔhaha so mpanyimfo+ ne akunini ne ɔman no mu atumfo ne ɔman no mu nnipa nyinaa kaa ne ho, na wɔde ɔhene no fii Yehowa fi hɔ bae. Afei wɔfaa atifi pon no mu baa ɔhene fi* hɔ, na wɔde ɔhene no bɛtenaa ahengua no so.+ 21 Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kurow no mu, efisɛ na wɔde sekan akum Atalia.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena