Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 3
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Solomon fii ase sii asɔrefi no (1-7)

      • Kronkron Mu Kronkronbea no (8-14)

      • Kɔbere adum abien no (15-17)

2 Beresosɛm 3:1

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:1, 37
  • +Ge 22:2, 14
  • +2Sa 24:25; 1Be 21:18
  • +2Sa 24:18; 1Be 21:22

2 Beresosɛm 3:3

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Basafa a obiara nim no, na ɛyɛ sɛnt. 44.5. (ntk. 17.5), nanso ebinom susuw sɛ “sɛnea na wosusuw nneɛma kan,” a wɔaka ho asɛm wɔ ha no kyerɛ basafa foforo bi a na ne tenten yɛ sɛnt. 51.8 (ntk. 20.4). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:2

2 Beresosɛm 3:4

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “ne ntwemu ne ofi no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.”

  • *

    Tete nsaano nkyerɛwee binom ka sɛ ɛyɛ basafa “120,” ɛnna nsaano nkyerɛwee afoforo ne Bible nkyerɛase binom nso ka sɛ ɛyɛ “basafa 20.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:3

2 Beresosɛm 3:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “odii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwini wɔ so.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:15, 22
  • +1Ah 6:29
  • +1Ah 6:21

2 Beresosɛm 3:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 29:2, 8
  • +1Be 29:3, 4

2 Beresosɛm 3:7

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “odii kerubim adwini.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 26:29
  • +Ex 26:1; 1Ah 6:29

2 Beresosɛm 3:8

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “fi.”

  • *

    Dwetikɛse baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 26:33; 1Ah 8:6; Heb 9:24
  • +1Ah 6:20

2 Beresosɛm 3:9

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

2 Beresosɛm 3:10

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “fi.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 6:23-28

2 Beresosɛm 3:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 8:6; 1Be 28:18

2 Beresosɛm 3:13

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, wɔn anim kyerɛ Kronkronbea hɔ.

2 Beresosɛm 3:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 26:31, 33
  • +Mt 27:51; Heb 10:19, 20

2 Beresosɛm 3:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 25:13
  • +1Ah 7:15-22; 2Ah 25:17; 2Be 4:11-13; Yer 52:22, 23

2 Beresosɛm 3:16

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “pomegranate.”

2 Beresosɛm 3:17

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “anaafo.”

  • *

    Anaa “atifi.”

  • *

    Ɛkyerɛ, “Ɔmma [kyerɛ sɛ, Yehowa mma] Entim Pintinn.”

  • *

    Ebetumi akyerɛ “Ahoɔden Mu.”

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 3:11Ah 6:1, 37
2 Be. 3:1Ge 22:2, 14
2 Be. 3:12Sa 24:25; 1Be 21:18
2 Be. 3:12Sa 24:18; 1Be 21:22
2 Be. 3:31Ah 6:2
2 Be. 3:41Ah 6:3
2 Be. 3:51Ah 6:15, 22
2 Be. 3:51Ah 6:29
2 Be. 3:51Ah 6:21
2 Be. 3:61Be 29:2, 8
2 Be. 3:61Be 29:3, 4
2 Be. 3:7Ex 26:29
2 Be. 3:7Ex 26:1; 1Ah 6:29
2 Be. 3:8Ex 26:33; 1Ah 8:6; Heb 9:24
2 Be. 3:81Ah 6:20
2 Be. 3:101Ah 6:23-28
2 Be. 3:111Ah 8:6; 1Be 28:18
2 Be. 3:14Ex 26:31, 33
2 Be. 3:14Mt 27:51; Heb 10:19, 20
2 Be. 3:152Ah 25:13
2 Be. 3:151Ah 7:15-22; 2Ah 25:17; 2Be 4:11-13; Yer 52:22, 23
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 3:1-17

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

3 Ɛnna Solomon fii ase sɛ ɔresi Yehowa fi+ no wɔ Moria Bepɔw so+ wɔ Yerusalem, faako a ne papa Dawid+ siesiei wɔ Yebusini Ornan awiporowbea+ hɔ no; ɛhɔ na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Dawid no. 2 Ofii ase sii ofi no wɔ n’ahenni afe a ɛto so anan mu, bosome a ɛto so abien no da a ɛto so abien. 3 Fapem a Solomon to maa nokware Nyankopɔn no fi no, sɛnea na wosusuw nneɛma kan no,* ne tenten yɛ basafa 60, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ 4 Abantenten a ɛwɔ asɔredan no anim no, ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ; ɛyɛ basafa 20,* na efi soro besi fam yɛ basafa 20;* ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu nyinaa.+ 5 Ɔde ɔpopaw nnua sɛm asɔredan no mu na ɔde sika pa faa nnua no ho;+ afei nso ɔyɛɛ mmedua+ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mfoni wɔ so.*+ 6 Bio nso, ɔhyehyɛɛ aboɔden abo wɔ asɔredan no mu fɛfɛɛfɛ;+ sika kɔkɔɔ+ a ɔde yɛɛ adwuma no fi Parwaim. 7 Ɔde sika kɔkɔɔ faa ofi no, ne mpuran, n’abobow ano, n’afasu, ne n’apon ho,+ na ɔyeyɛɛ kerubim mfoni* wɔ afasu no ho.+

8 Ɔyɛɛ Kronkron Mu Kronkronbea dan* no+ nso; ne tenten ne asɔredan no tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20. Ɔde sika pa a ne dodow si dwetikɛse* 600 na ɛfaa mu.+ 9 Sika kɔkɔɔ a ɔde yɛɛ nnadewa no mu duru yɛ nnwetɛbona* 50; ɔde sika kɔkɔɔ faa abansoro adan no nso mu.

10 Ɛnna osen kerubim abien sisii Kronkron Mu Kronkronbea dan* no mu, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho.+ 11 Kerubim no,+ yɛka wɔn ntaban nyinaa bom a, ne tenten yɛ basafa 20; ntaban no baako tenten yɛ basafa anum, na ɛka ɔdan no fasu; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa anum, na ɛka kerubim baako no ntaban. 12 Kerubim baako no nso ntaban baako tenten yɛ basafa anum, na ɛka ɔdan no fasu a ɛwɔ noho no; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa anum, na ɛka kerubim baako no ntaban. 13 Kerubim abien no ntaban a wɔatrɛtrɛw mu no tenten yɛ basafa 20; wogyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim kyerɛ ɔdan no mu.*

14 Afei nso, ɔde hama bruu ne ntama a ɛbere dum ne ntama kɔkɔɔ ne nwera pa+ yɛɛ ntwamutam,+ na ɔnwenee kerubim totoo mu.

15 Afei ɔyɛɛ adum abien+ wɔ asɔredan no anim; ne tenten yɛ basafa 35, na ntaaso a ɛwɔ adum no biara so no yɛ basafa anum.+ 16 Ɛnna ɔyeyɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛte sɛ kɔnmuade de totoo adum no so, na ɔyeyɛɛ biribi te sɛ granate akutu* 100 de sensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn no so. 17 Ɔde adum no sisii asɔredan no anim; baako si nifa* na baako nso si benkum,* na ɔfrɛɛ nifa de no Yakin,* na ɔfrɛɛ benkum de no Boas.*

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena