Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Beresosɛm 31
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Beresosɛm Mu Nsɛntitiriw

      • Hesekia tuu abosonsom ase (1)

      • Wɔde asɔfo ne Lewifo no kyɛfa maa wɔn (2-21)

2 Beresosɛm 31:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:24
  • +De 7:5; 2Ah 18:1, 4; 2Be 14:2, 3; 34:1, 3
  • +De 12:2
  • +2Be 23:16, 17
  • +2Be 30:1, 18

2 Beresosɛm 31:2

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Nt., “ne nsraban mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:6; 24:1
  • +2Be 8:14
  • +1Be 23:13, 27-30

2 Beresosɛm 31:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 30:24
  • +Ex 29:39
  • +Nu 28:9
  • +Nu 10:10
  • +De 16:16

2 Beresosɛm 31:4

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “wɔatu wɔn ho asi hɔ koraa ama Yehowa mmara.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 18:21; Ne 10:38, 39

2 Beresosɛm 31:5

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:29; 23:19; Nu 18:12; Ne 10:37
  • +Mme 3:9

2 Beresosɛm 31:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 27:30; De 14:28

2 Beresosɛm 31:7

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:16
  • +Le 23:24

2 Beresosɛm 31:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 18:8
  • +Mal 3:10

2 Beresosɛm 31:11

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “adidibea adan”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 10:38, 39; 12:44

2 Beresosɛm 31:12

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “taet.”

  • *

    Nt., “bae nokwaredi mu.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 27:30; De 14:28

2 Beresosɛm 31:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 26:17, 19
  • +De 12:5, 6; 16:10
  • +Nu 18:8
  • +Le 2:10; 7:1

2 Beresosɛm 31:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:19; 1Be 24:1

2 Beresosɛm 31:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 24:4
  • +Nu 4:2, 3; 8:24; 1Be 23:24
  • +1Be 23:6

2 Beresosɛm 31:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:33, 34; Nu 35:2; Yos 21:13

2 Beresosɛm 31:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 29:35

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 31:1Ex 23:24
2 Be. 31:1De 7:5; 2Ah 18:1, 4; 2Be 14:2, 3; 34:1, 3
2 Be. 31:1De 12:2
2 Be. 31:12Be 23:16, 17
2 Be. 31:12Be 30:1, 18
2 Be. 31:21Be 23:6; 24:1
2 Be. 31:22Be 8:14
2 Be. 31:21Be 23:13, 27-30
2 Be. 31:32Be 30:24
2 Be. 31:3Ex 29:39
2 Be. 31:3Nu 28:9
2 Be. 31:3Nu 10:10
2 Be. 31:3De 16:16
2 Be. 31:4Nu 18:21; Ne 10:38, 39
2 Be. 31:5Ex 22:29; 23:19; Nu 18:12; Ne 10:37
2 Be. 31:5Mme 3:9
2 Be. 31:6Le 27:30; De 14:28
2 Be. 31:7Le 23:16
2 Be. 31:7Le 23:24
2 Be. 31:10Nu 18:8
2 Be. 31:10Mal 3:10
2 Be. 31:11Ne 10:38, 39; 12:44
2 Be. 31:12Le 27:30; De 14:28
2 Be. 31:141Be 26:17, 19
2 Be. 31:14De 12:5, 6; 16:10
2 Be. 31:14Nu 18:8
2 Be. 31:14Le 2:10; 7:1
2 Be. 31:15Yos 21:19; 1Be 24:1
2 Be. 31:171Be 24:4
2 Be. 31:17Nu 4:2, 3; 8:24; 1Be 23:24
2 Be. 31:171Be 23:6
2 Be. 31:19Le 25:33, 34; Nu 35:2; Yos 21:13
2 Be. 31:212Be 29:35
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
2 Beresosɛm 31:1-21

Beresosɛm Nhoma a Ɛto So Abien

31 Wowiee eyinom nyinaa pɛ, Israelfo a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua*+ no gui, na wobubuu sorɔnsorɔmmea*+ ne afɔremuka+ a ɛwowɔ Yuda ne Benyamin ne Efraim ne Manase+ nyinaa kosii sɛ wɔsɛee ne nyinaa pasaa; ɛno akyi no, Israelfo no nyinaa, obiara san kɔɔ ne kurow mu, baabi a n’agyapade wɔ.

2 Afei Hesekia de asɔfo ne Lewifo no sisii wɔn nnwuma so sɛnea wɔn nkyekyɛm te,+ kuw biara ne sɛnea emu asɔfo ne Lewifo som te,+ sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na wɔnsom na wɔmfa aseda ne ayeyi mma Yehowa wɔ n’asɔrefi.*+ 3 Ɔhene no yii nneɛma fii n’agyapade mu sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre;+ ebi ne anɔpa ɔhyew afɔre, anwummere ɔhyew afɔre,+ ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no Homeda biara,+ ɔsram foforo biara+ ne afahyɛ mmere,+ sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yehowa Mmara mu no.

4 Afei nso, ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔtete Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfo ne Lewifo no kyɛfa mma wɔn+ na ama wɔadi Yehowa mmara so pɛpɛɛpɛ.* 5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ, wɔde hwiit,* bobesa foforo, ngo, ɛwo, ne afuw mu nnɔbae nyinaa mu nea edi kan ne nea ɛyɛ papa bae ma ebuu so.+ Wɔde saa nneɛma yi nyinaa so ntotoso du du bae.+ 6 Na Israelfo ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso de anantwi ne nguan so ntotoso du du ne nneɛma kronkron a wɔahyira so ama Yehowa wɔn Nyankopɔn so ntotoso du du bae.+ Wɔde bae besum hɔ akuwakuw. 7 Wofii ase hyehyɛɛ nneɛma no akuwakuw wɔ bosome a ɛto so abiɛsa mu,+ na wowiei bosome a ɛto so ason mu.+ 8 Bere a Hesekia ne mpanyimfo no behuu nneɛma a esum hɔ no, wohyiraa Yehowa ne ne man Israel.

9 Hesekia bisaa asɔfo ne Lewifo no nneɛma akuwakuw no ho asɛm. 10 Ɛnna ɔsɔfo panyin Asaria a ofi Sadok fi no ka kyerɛɛ no sɛ: “Efi bere a wofii ase de nneɛma no baa Yehowa fi no,+ ɔmanfo no didi mee ma bebree ka, efisɛ Yehowa ahyira ne man, na nea aka na esum hɔ pii yi.”+

11 Ɛnna Hesekia kae sɛ wonsiesie Yehowa fi adekora adan*+ no mu. Enti wosiesiei. 12 Wɔde ntotoso du du*+ no, nneɛma kronkron no, ne nneɛma a aka no bae a wɔannyae.* Lewini Konania ne ɔpanyin a na ɔhwɛ nneɛma no so, na ne nua Simei na na ɔyɛ n’abadiakyiri. 13 Mpanyimfo a Ɔhene Hesekia yii wɔn sɛ wɔmmoa Konania ne ne nua Simei no ni: Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Yismakia, Mahat, ne Benai. Nea na ɔhwɛ nokware Nyankopɔn no fi so ne Asaria. 14 Lewini Yimnah ba Kore na na ɔda apuei pon no ano;+ ɔno na ɔhwɛɛ ayamye afɔrebɔde+ a wɔde brɛɛ nokware Nyankopɔn no so, na ɔkyekyɛɛ nneɛma a wɔde brɛɛ Yehowa,+ ne nneɛma kronkron paa no.+ 15 Wɔn a wɔhyɛ n’ase ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria, ne Sekania; wɔn na wobuu wɔn anokwafo de nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa, sɛ wɔnkyɛ mma wɔn nuanom a wɔakyekyɛ wɔn mu no wɔ asɔfo no nkurow mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔpanyin oo, akumaa oo, obiara benya ne de pɛpɛɛpɛ.+ 16 Ɛsono nea wɔkyekyɛ maa mmarima a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ a wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te a daa wɔsom wɔ Yehowa fi na wɔyɛ nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw nsa no.

17 Wɔkyerɛkyerɛw asɔfo no din sɛnea wɔn agyanom abusuafi te;+ saa ara na wɔyɛɛ Lewifo a wɔadi mfe 20 rekɔ+ sɛnea nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw nsa te.+ 18 Wɔn mma nkumaa nyinaa, wɔn yerenom, wɔn mma mmarima, wɔn mma mmea, ne asafo no nyinaa, wɔkyerɛw obiara din; adwuma a wobuu wɔn anokwafo de hyɛɛ wɔn nsa no nti, wodwiraa wɔn ho maa nneɛma kronkron; 19 wɔne Aaron mma, asɔfo a wɔtete nkuraa a atwa wɔn nkurow ho ahyia no.+ Kurow biara mu no, woyiyii mmarima bobɔɔ wɔn din sɛ wɔmfa mmarima a wɔyɛ asɔfo no ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te no biara kyɛfa mma no.

20 Hesekia yɛɛ eyi wɔ Yuda nyinaa, na ɔyɛɛ nea eye na ɛsɔ ne Nyankopɔn Yehowa ani, na odii no nokware. 21 Na adwuma biara a ɔyɛe wɔ nokware Nyankopɔn fi som mu anaa Mmara ne ahyɛde no mu sɛ ɔde bɛhwehwɛ ne Nyankopɔn no,+ ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena