Hiob
13 “Ampa, m’ani ahu eyi nyinaa,
M’aso ate, na mate ase.
2 Nea munim no, me nso minim;
Monkyɛn me.
3 Me de, ade nyinaa so Tumfo no ankasa na mepɛ sɛ me ne no kasa;
Onyankopɔn na mepɛ sɛ miyi m’ano wɔ n’anim.+
6 Mepa mo kyɛw, muntie m’anoyi,
Na muntie m’ano asɛm.
7 Mobɛka asɛm a ɛnyɛ nokware ahyɛ Onyankopɔn ano anaa?
Anaa mobɛka nnaadaasɛm wɔ Onyankopɔn din mu?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, mohwɛ a ebesi mo yiye?+
Anaa mobɛdaadaa no sɛnea modaadaa onipa dasani no?
11 N’anuonyam kɛkɛ remma munsuro anaa?
Na ne ho hu rentɔ mo so?
13 Monka mo ano ntom wɔ m’anim na menkasa,
Na nea ɛbɛba me so biara mmra!
17 Muntie m’asɛm yi yiye;
Monyɛ aso ntie m’ano asɛm.
18 Hwɛ, seesei maboaboa m’asɛm ano rekɔ asɛnnibea;
Minim sɛ midi bem.
19 Hena na ɔne me bedi asi?
Sɛ mimua m’ano a, anka mewu!*
20 O, Onyankopɔn, nneɛma abien pɛ na mepɛ sɛ woyɛ ma me,
Sɛnea ɛbɛyɛ a meremfa me ho nsie wo:
22 Ɛbɛyɛ a, kasa ma minyi ano,
Anaa ma menkasa, na wo yi ano.
23 Mfomso bɛn na madi, na bɔne bɛn na mayɛ?
Ma minhu me mmarato ne me bɔne.
26 Efisɛ daa wokyerɛkyerɛw me ho nsɛm yayaayaw,
Na woma mitua bɔne a meyɛe wɔ me mmeranteberem no ho ka.
27 Wode me nan abɔ dua mu,
W’ani di m’akwan nyinaa akyi,
Na baabi a mede me nan si biara, wohyɛ hɔ nsow.