Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto wɔ Seminit so. Dawid dwom.
6 O Yehowa, mfa abufuw nka m’anim,
Na mfa abufuhyew nteɛ me so.+
2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mayɛ mmerɛw.
O Yehowa, sa me yare,+ na me nnompe rewosow.
3 Mabotow dodo;+
O Yehowa, mise, enkosi da bɛn?+
4 O Yehowa, san bra begye me;+
Wo dɔ a enni huammɔ nti, gye me ɛ.+
5 Awufo ntumi mmɔ wo din;
Hena na obeyi wo ayɛ wɔ Ɔdamoa mu?+
6 Masi apini abrɛ;+
Me nisu fɔw me mpa anadwo mũ nyinaa;
Me nisu yiri fa me kɛtɛ.+
7 Awerɛhow ama m’ani ayɛ wusiwusi;+
Nkurɔfo reteetee me nti m’ani so atan me.
8 Amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so nkɔ,
Na Yehowa bɛte me su.+
9 Yehowa betie me nkotosrɛ;+
Yehowa bebua me mpaebɔ.
10 M’atamfo nyinaa ani bewu na ehu atɔ wɔn so;
Aniwu nti, wɔbɛsan wɔn akyi prɛko pɛ.+