Yesaia
10 Wonnue! wɔn a wɔhyehyɛ mmara bɔne,+
Wɔn a daa wɔkyerɛw ahyɛde a emu yɛ den,
2 Sɛnea ɛbɛyɛ a ohiani rennya obiara nni n’asɛm mma no,
Na me man mu abrɛfo nnya atɛntrenee.+
Wɔde akunafo ayɛ sɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɔko mu,
Na wɔde nnyanka ayɛ sɛ nneɛma a wɔafom afa!+
4 Nea ɛbɛba ara ne sɛ wɔbɛkotokotow nneduafo mu,
Anaa wɔbɛhwehwe awufo mu.
Nea akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuw nsanee,
Mmom, wateɛ ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+
6 Mɛsoma no akɔ ɔman a watew atua atia Onyankopɔn so,+
Na masoma no akɔ nnipa a wɔahyɛ me abufuw no so;
Mɛhyɛ no sɛ ɔnsesaw wɔn nneɛma pii na ɔmfom wɔn nneɛma bebree,
Na ontiatia wɔn so sɛ abɔntenkwan so atɛkyɛ.+
7 Nanso ɔrente nka saa,
Na ɛremma ne komam saa;
Efisɛ ɛwɔ ne komam sɛ ɔbɛtɔre aman pii ase,
Na watwitwa wɔn agu; ɛrenyɛ kakraa bi.
9 Kalno+ nte sɛ Karkemis+ anaa?
12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a obedi wɔ Sion Bepɔw so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso esiane ne koma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Efisɛ ɔka sɛ,
‘Mede me nsam tumi
Ne me nyansa bɛyɛ ade, efisɛ mewɔ nyansa.
14 Sɛnea obi de ne nsa wura berebuw mu no,
Mɛteɛ me nsa agye aman no agyapade;
Na sɛnea obi tase nkosua a wɔagyaw no,
Saa ara na mɛboaboa asaase nyinaa ano!
Obiara remmɔ ne ntaban mu, ɔremmue n’ano, na ɔrensu.’”*
15 Abonnua bɛma ne ho so wɔ nea ɔde no rebu nnua no so?
Sradaa bɛma ne ho so asen nea ɔde no retwa ade no?
Poma+ betumi ahim nea ɔma no so no?
Anaa abaa betumi ama nea wɔamfa dua anyɛ no no so?
16 Enti asafo Yehowa, nokware Awurade no
Bɛma n’akɛsefo afomfɔn,+
Na wasɔ gya ama adɛw wɔ n’anuonyam ase.+
Na ne Kronkronni ayɛ ogyaframa;
Ɛbɛdɛw na ahyew ne nwura ne ne nsɔe nyinaa da koro.
19 Ne kwae mu nnua a aka no,
Ɛbɛyɛ kakraa bi, na abofra mpo betumi akan akyerɛw ne dodow.
20 Saa da no, Israel nkaefo
Ne Yakob fifo a wonyaa wɔn ti didii mu
Remfa wɔn ho ntweri nea ɔhwee wɔn no bio;+
Mmom wɔde wɔn ho betweri Yehowa,
Israel Kronkronni no, wɔ nokwaredi mu.
24 Enti nea Awurade Tumfo, asafo Yehowa, aka ni: “Me man a mote Sion, munnsuro, Asiriani a ɔde abaa hwee mo+ na ɔde ne poma baa mo so sɛnea Egypt yɛe no+ nti. 25 Ɛrenkyɛ koraa, abufuhyew no to betwa; m’abufuw bɛsɛe wɔn.+ 26 Asafo Yehowa behim abaa* wɔ no so+ sɛnea otwiw faa Midian so wɔ Oreb botan ho no.+ Na ɔde ne poma bɛkyerɛ po so, na wama so sɛnea ɔyɛɛ Egypt no.+
27 Saa da no, Asiriani no adesoa befi w’abati so,+
Na ne kɔndua afi wo kɔn ho,+
Na ngo no nti, kɔndua no bɛsɛe.”+
30 O Galim babea, su na teɛteɛm!
Laisa, yɛ aso tie!
O Anatot,+ w’asɛm yɛ mmɔbɔ!
31 Madmena aguan.
Gebimfo akɔpɛ baabi atɛw.
32 Ɛnnɛ da yi ara, obegyina Nob.+
Ɔwosow ne nsa kyerɛ Sion babea bepɔw,
Yerusalem koko no.