Yesaia
16 Momfa odwennini nkɔma asaase no so hene,
Momfa no mfi Sela mfa sare so,
Na momfa no nkɔ Sion babea bepɔw no so.
2 Nea ɛbɛto Moab mma mmea wɔ baabi a wɔfa twa Arnon asu+ no,
Ɛbɛyɛ sɛ anomaa a wɔapam no afi ne berebuw mu.+
3 “Momfa akwankyerɛ mma, momfa gyinaesi no nyɛ adwuma.
Edu awia ketee a, ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo.
Wɔn a wɔahwete no, fa wɔn sie; na wɔn a wɔreguan no, nyi wɔn mma.
4 O Moab, ma me nkurɔfo a wɔahwete no ntena wo mu.
Ɔsɛefo no+ nti, fa wo ho yɛ hintabea ma wɔn.
Nea ɔhyɛ wɔn so no awiei bɛba,
Ɔsɛe no to betwa,
Na wɔn a wotiatia afoforo so no bɛsɛe afi asaase so.
5 Afei wɔde ahengua bi betim hɔ ɔdɔ* so.
6 Yɛate Moab ahomaso no, sɛ ɔyɛ dwae papaapa.+
Yɛate n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’abufuw no;+
Nanso n’anomdwa bɛyɛ kwa.
Wɔn a wɔn ho yeraw wɔn no bedi abooboo, Kir-Hareset+ bobe keeki nti.
Sibma+ bobe no,
Aman no atumfo atiatia ne nnubaa a asow bobe pa dɔsɔɔ no so;
Ɛkɔe ara koduu Yaser;+
Ekoduu sare so.
Ne mmãã trɛtrɛwee, na ɛkɔe ara koduu po mu.
9 Eyi nti na mesu Sibma bobe sɛnea misu Yaser no.
Mede me nisu bɛfɔw wo, Hesbon ne Eleale,+
Efisɛ sɛnea wɔteɛteɛm gu w’ahohuru bere mu aba ne wo twabere so no, aba awiei.*
11 Eyi nti na me nsono mu wosow wɔ Moab ho+
Te sɛ sanku hama a ɛrewosow,
Na me yam hyehye me wɔ Kir-Hareset ho no.+
12 Sɛ Moab brɛ ne ho som wɔ sorɔnsorɔmmea,* na ɔkɔ ne tenabea kronkron kɔbɔ mpae mpo a, ɛrenkosi hwee.+
13 Eyi ne asɛm a Yehowa dii kan ka faa Moab ho. 14 Na seesei nea Yehowa reka ni: “Akyɛ koraa mfe abiɛsa, te sɛ ɔpaani mfe,* Moab anuonyam bebutuw na aporɔw atetew koraa, na nnipa a wɔbɛka no bɛyɛ kakraa bi, wɔrenyɛ den.”+