Yeremia
13 Nea Yehowa ka kyerɛɛ me ni: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso,* na fa bɔ w’asen, nanso mfa mmɔ nsu mu.” 2 Ɛnna mekɔtɔɔ abɔso* no sɛnea Yehowa kae no, na mede bɔɔ m’asen. 3 Na Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: 4 “Fa abɔso* a wotɔe a ɛbɔ wo no, na sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔpɛ tokuru bi wɔ ɔbotan mu fa sie mu.” 5 Enti mekɔe, na mede kosiee Eufrate ho sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ me no.
6 Na nna pii akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔfa abɔso* a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kosie hɔ no bra.” 7 Ɛnna mekɔɔ Eufrate ho, na mikotuu abɔso* no fii baabi a mede kosiei no, na mihui sɛ abɔso* no asɛe a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yiye.
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Nea Yehowa aka ni, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.+ 10 Ɔman bɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie m’asɛm,+ ɔman a wɔyɛ asoɔden di wɔn koma akyi,+ na wɔakodi anyame foforo akyi, na wɔsom wɔn, na wɔkotow wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ abɔso* a wode yɛ hwee a ɛnyɛ yiye yi.’ 11 ‘Sɛnea onipa bɔ abɔso* ma ɛfam ne sisi no, saa ara na mede Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa fam me ho,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ me man,+ ne me din*+ ne m’ayeyi ne m’ahoɔfɛ; nanso wɔantie.’+
12 “Na ka asɛm yi nso kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Ahina biara, nsã na wɔde hyɛ no ma.”’ Na wɔn nso bɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn de yennim sɛ nsã na wɔde hyɛ ahina biara ma anaa?’ 13 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, asaase yi sofo nyinaa ne ahemfo a wɔte Dawid agua so ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa, mɛma wɔabobow sram.+ 14 Na mede agyanom ne mma nyinaa ti bɛhwehwe mu,” Yehowa na waka.+ “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhow, na merenhu mmɔbɔ; biribiara nni hɔ a ebesiw me kwan a ɛremma mensɛe wɔn.”’+
15 Muntie na monyɛ aso.
Monnyɛ ahantan, efisɛ Yehowa akasa.
16 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn anuonyam
Ansa na wama esum aba,
Ansa na moahintiw wɔ mmepɔw so bere a ade reyɛ asã.
19 Wɔatoto anaafo nkurow no mu,* na obiara nni hɔ a obebue.
Wɔasoa Yudafo nyinaa kɔ. Wɔatu wɔn nyinaa ase kɔ.+
20 Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wofi atifi fam reba no.+
Nguankuw a wɔde maa wo no, wo nguan fɛfɛɛfɛ no, ɛhe na wɔwɔ?+
Anka awo mu yaw* remma wo so te sɛ ɔbea a ɔrewo anaa?+
22 Na sɛ wubisa wɔ wo komam sɛ, ‘Adɛn nti na eyi nyinaa aba me so?’+ a,
Hu sɛ, wo bɔne so; ɛno nti na wɔapa wo ho ntama+
Na wo nantin yɛ wo yaw paa no.
23 Kusni* betumi asesa ne honam anaa? Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsensanee anaa?+
Ɛnde anka mo nso mubetumi ayɛ papa,
Mo a wɔde bɔne atete mo.
24 Enti mɛbɔ wɔn ahwete te sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa huw kɔ.+
25 Wo kyɛfa ni, wo kyɛfa a masusuw ama wo,” Yehowa na waka,
26 Enti mɛpagyaw wo ntama akata w’anim,
Na nkurɔfo ahu w’animguase,+
27 W’awaresɛe,+ w’akɔnnɔ bɔne a ɛte sɛ ɔpɔnkɔ a ɔresu apɛ ɔbarima ama waforo no,
Ne wo tuutuusi tantan* no.
Nkoko so, ne wuram nyinaa,+
Mahu wo suban tantan no.
O Yerusalem, asɛm ato wo!