Yeremia
47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn ansa na Farao resɛe Gasa no ni. Ɛfa Filistifo ho.+ 2 Nea Yehowa aka ni:
“Hwɛ! Nsu fi atifi fam reba.
Ebeyiri abu afa so.
Ebeyiri afa asaase no ne nea ɛwɔ so nyinaa,
Kurow no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Mmarima bɛteɛteɛm,
Na obiara a ɔte asaase no so besu ateɛteɛm.
3 Sɛ wɔte n’apɔnkɔ* nan a ɛrepempem fam kim-kim-kim,
Ne ne ko nteaseɛnam a ɛreyɛ kiri-kiri-kiri,
Ne ne nteaseɛnam no nan a ɛretwa ne ho kiridi-kiridi-kiridi no a,
Agyanom rentwa wɔn ani mpo nhwɛ wɔn mma,
Wɔn nsam a agow nti.
Wɔama Askelon aka n’ano atom.+
Da bɛn na wobɛyɛ dinn?
San kɔhyɛ wo bɔha* mu.
Home, na yɛ komm.
7 Ɛbɛyɛ dɛn ayɛ dinn,
Bere a Yehowa na ahyɛ no?
Ɛreba Askelon ne mpoano asaase no so.+
Ɛhɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.”