Numeri
26 Na ɔhaw no akyi no,+ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ: 2 “Monkan Israel asafo no nyinaa, wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu, na monkan wɔn a wobetumi ayɛ asraafo wɔ Israel no nyinaa.”+ 3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar+ ne wɔn kasae wɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 4 “Monkan wɔn a wɔadi mfe 20 rekɔ, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.”+
Israelfo a wofi Egypt asaase so bae no ni: 5 Israel ba panyin Ruben;+ Ruben mma+ ni: Hanok a Hanok abusua no fi ne mu; Palu a Palu abusua no fi ne mu; 6 Hesron a Hesron abusua no fi ne mu; Karmi a Karmi abusua no fi ne mu. 7 Eyinom ne Rubenfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 43,730.+
8 Palu ba ne Eliab. 9 Eliab mma ne Nemuel ne Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi, na wɔyɛ mpanyimfo wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔkɔkaa Kora ho sɔre tiaa Mose ne Aaron,+ bere a wɔsɔre tiaa Yehowa no.+
10 Na asaase no mu paee,* na ɛmenee wɔn. Kora de, ɔne n’akyitaafo wui bere a ogya no bɛhyew nnipa 250 no.+ Na nea ɛtoo wɔn no bɛyɛɛ kɔkɔbɔ.+ 11 Nanso Kora mma no de, wɔanwuwu.+
12 Simeon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Nemuel* a Nemuel abusua no fi ne mu; Yamin a Yamin abusua no fi ne mu; Yakin a Yakin abusua no fi ne mu; 13 Sera a Sera abusua no fi ne mu; ne Saul a Saul abusua no fi ne mu. 14 Eyinom ne Simeonfo mmusua, na wɔn dodow yɛ 22,200.+
15 Gad mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sefon a Sefon abusua no fi ne mu; Hagi a Hagi abusua no fi ne mu; Suni a Suni abusua no fi ne mu; 16 Osni a Osni abusua no fi ne mu; Eri a Eri abusua no fi ne mu; 17 Arod a Arod abusua no fi ne mu; Areli a Areli abusua no fi ne mu. 18 Eyinom ne Gadfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 40,500.+
19 Yuda mma+ ne Er ne Onan.+ Nanso Er ne Onan wui wɔ Kaanan asaase so.+ 20 Yuda mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sela+ a Sela abusua no fi ne mu; Peres+ a Peres abusua no fi ne mu; Sera+ a Sera abusua no fi ne mu. 21 Peres mma ni: Hesron+ a Hesron abusua no fi ne mu; Hamul+ a Hamul abusua no fi ne mu. 22 Eyinom ne Yudafo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 76,500.+
23 Isakar mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Tola+ a Tola abusua no fi ne mu; Puwa a Puwa abusua no fi ne mu; 24 Yasub a Yasub abusua no fi ne mu; Simron a Simron abusua no fi ne mu. 25 Eyinom ne Isakarfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 64,300.+
26 Sebulon mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sered a Sered abusua no fi ne mu; Elon a Elon abusua no fi ne mu; Yaleel a Yaleel abusua no fi ne mu. 27 Eyinom ne Sebulonfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 60,500.+
28 Yosef mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Manase ne Efraim.+ 29 Manase+ mma ni: Makir+ a Makir abusua no fi ne mu; na Makir woo Gilead,+ Gilead a Gilead abusua no fi ne mu no. 30 Eyinom ne Gilead mma: Yesa a Yesa abusua no fi ne mu; Helek a Helek abusua no fi ne mu; 31 Asriel a Asriel abusua no fi ne mu; Sekem a Sekem abusua no fi ne mu; 32 Semida a Semida abusua no fi ne mu; ne Hefer a Hefer abusua no fi ne mu. 33 Hefer ba Selofehad de, wanwo ɔbabarima biara; mmea nko ara na ɔwoe.+ Selofehad mma mmea+ no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 34 Eyinom ne Manasefo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 52,700.+
35 Efraim+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Sutela+ a Sutela abusua no fi ne mu; Beker a Beker abusua no fi ne mu; Tahan a Tahan abusua no fi ne mu. 36 Eyinom ne Sutela mma: Eran a Eran abusua no fi ne mu. 37 Eyinom ne Efraimfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 32,500.+ Eyinom ne Yosef mma a wɔn din deda wɔn mmusua so.
38 Benyamin mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Bela+ a Bela abusua no fi ne mu; Asbel a Asbel abusua no fi ne mu; Ahiram a Ahiram abusua no fi ne mu; 39 Sefufam a Sefufam abusua no fi ne mu; Hufam a Hufam abusua no fi ne mu. 40 Bela nso mma ne Ard ne Naaman:+ Ard a Ard abusua no fi ne mu; Naaman a Naaman abusua no fi ne mu. 41 Eyinom ne Benyamin mma a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 45,600.+
42 Dan+ mma a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Suham a Suham abusua no fi ne mu. Eyinom ne Dan mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so. 43 Suhamfo mmusua a wɔkyerɛw wɔn din no nyinaa dodow yɛ 64,400.+
44 Aser mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Yimnah a Yimnah abusua no fi ne mu; Yiswi a Yiswi abusua no fi ne mu; Beria a Beria abusua no fi ne mu; 45 Beria mma ni: Heber a Heber abusua no fi ne mu; Malkiel a Malkiel abusua no fi ne mu. 46 Ná Aser babea din de Serah. 47 Eyinom ne Aserfo mmusua, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 53,400.+
48 Naftali mma+ a wɔn din deda wɔn mmusua so ni: Yaseel a Yaseel abusua no fi ne mu; Guni a Guni abusua no fi ne mu; 49 Yeser a Yeser abusua no fi ne mu; Silem a Silem abusua no fi ne mu. 50 Eyinom ne Naftali mmusua a wɔn din deda wɔn mmusua so, na dodow a wɔkyerɛw wɔn din yɛ 45,400.+
51 Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din nyinaa dodow yɛ 601,730.+
52 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 53 “Hwɛ edin a wokyerɛwee no so* na kyɛ asaase no ma nnipa no na wɔmfa nyɛ wɔn agyapade.+ 54 Kuw a emufo dɔɔso no, ma wɔn agyapade nyɛ kɛse, na kuw a emufo sua no, tew wɔn agyapade so.+ Hwɛ nnipa dodow a wɔkyerɛw wɔn din wɔ kuw biara mu, na ma wɔn agyapade. 55 Ma wɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asaase no.+ Ma wonnye wɔn agyapade wɔ wɔn agyanom mmusuakuw din mu. 56 Ntonto na wɔbɛbɔ de akyekyɛ agyapade no de ama abusuakuw biara, kuw a emufo dɔɔso ne kuw a emufo sua nyinaa.”
57 Eyinom ne Lewifo+ a wɔkyerɛw wɔn din a wɔn din deda wɔn mmusua so: Gerson a Gerson abusua no fi ne mu; Kohat+ a Kohat abusua no fi ne mu; Merari a Merari abusua no fi ne mu. 58 Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua,+ Hebronfo abusua,+ Mahlifo abusua,+ Musifo abusua,+ ne Korafo abusua.+
Kohat woo Amram.+ 59 Ná Amram yere din de Yokebed.+ Ɔyɛ Lewi babea a Lewi yere woo no maa no wɔ Egypt. Yokebed woo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam+ maa Amram. 60 Ɛnna Aaron nso woo Nadab, Abihu, Eleasar, ne Itamar.+ 61 Nanso Nadab ne Abihu wui efisɛ wɔde ogya foforo bi a Yehowa mmaa ho kwan kɔɔ n’anim.+
62 Wɔn a wɔkyerɛw wɔn din no nyinaa dodow yɛ 23,000. Wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔadi bosome baako rekɔ.+ Wɔankyerɛw wɔn din anka Israelfo no ho,+ efisɛ wɔamma wɔn agyapade biara wɔ Israelfo mu.+
63 Eyinom na Mose ne ɔsɔfo Eleasar kyerɛw wɔn din bere a wɔkyerɛw Israelfo din wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 64 Nanso wɔn a Mose ne ɔsɔfo Aaron kyerɛw wɔn din bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no, na wɔn mu baako mpo nka eyinom ho.+ 65 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa aka afa wɔn ho sɛ: “Sɛnea ɛte biara, wobewuwu wɔ sare no so.”+ Enti wɔn mu ɔbarima baako mpo anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+