Yosua
13 Saa bere yi, na Yosua mfe akɔ anim, na na wabɔ akwakoraa.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mfe akɔ anim na woabɔ akwakoraa, nanso asaase a aka a ɛsɛ sɛ wofa* no so. 2 Asaase a aka no ni:+ Filistifo ne Gesurfo+ mpɔtam hɔ nyinaa 3 (efi Nil fã* a ɛda Egypt apuei* kosi Ekron hye so wɔ atifi fam, baabi a na wobu no sɛ Kaananfo asaase no);+ nsaase a na Filistifo ahemfo baanum+ di so yi ka ho—Gasa, Asdod,+ Askelon,+ Gat,+ ne Ekron;+ ɛnna Awim+ 4 wɔ anaafo; Kaananfo asaase nyinaa; Meara a ɛyɛ Sidonfo asaase+ kosi Afek, kɔpem Amorifo hye so; 5 Gebalfo+ asaase ne Lebanon apuei fam nyinaa, efi Baal-Gad wɔ Hermon Bepɔw ase de kosi Lebo-Hamat;*+ 6 wɔn a wɔtete bepɔw so nyinaa, efi Lebanon+ kosi Misrefot-Maim;+ ne Sidonfo+ nyinaa. Metu wɔn afi Israelfo anim.*+ Hwɛ sɛ wode bɛka Israel agyapade ho, sɛnea meka kyerɛɛ wo no.+ 7 Afei kyɛ asaase yi ma mmusuakuw akron no ne Manase abusuakuw fã no sɛ wɔn agyapade.”+
8 Manase abusuakuw no fã a aka no ne Rubenfo ne Gadfo kɔfaa wɔn agyapade a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dedaw no:+ 9 efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so de kosi Dibon; 10 ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon no nkurow nyinaa, kosi Ammonfo hye so;+ 11 Gilead, ne Gesurfo ne Maakatfo+ nsaase, ne Hermon Bepɔw nyinaa ne Basan+ nyinaa de kosi Saleka;+ 12 ne Og a odii ade wɔ Astarot ne Edrei no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Refaimfo a na wɔaka no, na Og ka ho.)+ Mose dii wɔn so nkonim tuu wɔn fii hɔ.*+ 13 Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo;*+ mmom Gesurfo ne Maakatfo te Israelfo mu besi nnɛ.
14 Lewi abusuakuw no nko ara na wamma wɔn agyapade.+ Afɔre a wɔde ogya hyew ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapade,+ sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
15 Afei Mose de Ruben abusuakuw no agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 16 Wɔn asaase no fi Aroer a ɛwɔ Arnon Bon* ano ne kurow a ɛwɔ bon no mfinimfini ne Medeba Bepɔw so asaase tratraa no nyinaa so; 17 Hesbon ne ɛho nkurow+ a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa, ne Dibon ne Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon+ 18 ne Yahas+ ne Kedemot+ ne Mefaat+ 19 ne Kiriataim ne Sibma+ ne Seret-Saha wɔ obon no mu* bepɔw so, 20 ne Bet-Peor ne Pisga mmepɔw ase+ ne Bet-Yesimot,+ 21 ne nkurow a ɛwɔ bepɔw so asaase tratraa no so nyinaa ne Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon+ no ahemman nyinaa. Mose dii ɔno ne Midian atitiriw yi nyinaa so nkonim:+ Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba.+ Wɔn na na wɔyɛ Sihon abirɛmpɔn* a wɔwɔ asaase no so. 22 Na Beor ba Baalam+ a nkurɔfo kɔ ne nkyɛn abisa+ no nso, Israelfo de sekan kum no kaa wɔn a wokunkum wɔn no ho. 23 Yordan na na ɛyɛ Ruben abusuakuw no hye; na asaase yi nyinaa bɛyɛɛ Ruben abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
24 Afei Mose de Gad abusuakuw no, kyerɛ sɛ Gadfo, agyapade maa wɔn sɛnea wɔn mmusua te. 25 Wɔn hye fi Yaser+ ne Gilead nkurow no nyinaa ne Ammonfo+ asaase no fã kosi Aroer a ɛda Raba+ anim. 26 Afei efi Hesbon+ kɔ Ramat-Mispe ne Betonim, na ɛkɔfa Mahanaim+ kɔ Debir hye so. 27 Na obon no mu* nso, ɛfa Bet-Haram ne Bet-Nimra+ ne Sukot+ ne Safon, Hesbon hene Sihon+ ahemman a aka no, na ɛfa Yordan ho kɔpem Kineret Po*+ no ano wɔ Yordan apuei fam. 28 Eyi ne Gad abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te, nkurow no ne nkuraa a ɛwowɔ ho nyinaa.
29 Afei Mose de Manase abusuakuw fã no agyapade maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuw fã no sɛnea wɔn mmusua te.+ 30 Wɔn hye fi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntamadan nkurow a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkurow no yɛ 60. 31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te.
32 Eyi ne agyapade a Mose kyekyɛ maa wɔn wɔ Moab sare so wɔ Yordan agya, Yeriko apuei fam.+
33 Nanso Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade no bi.+ Israel Nyankopɔn Yehowa ne wɔn agyapade, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+