Yosua
20 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Munyi guankɔbea nkurow+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na okum* obi* a, waguan akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ guankɔbea ama mo afi nea wɔakum no no busuani* nsam.+ 4 Onguan nkɔ nkurow yi baako mu+ na onkogyina kurow no pon ano.+ Afei ɔmfa n’asɛm nto kurow no mu mpanyimfo anim, na wɔmfa no nkɔ kurow no mu nkɔma no baabi na ɔne wɔn ntena. 5 Sɛ nea wɔakum no no busuani taa no so kɔ hɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde nea wakum nipa no ma no, efisɛ ne nsa na ɛpa ma okum* ne yɔnko no; ná ɔntan no dedaw.+ 6 Ɔntena kurom hɔ nkosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm,+ na ɔntena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ saa bere no bewu.+ Ɛno ansa na nea wakum nipa no betumi asan akɔ kurow a oguan fii mu no mu; obetumi akɔ ne kurom ne ne fi.’”+
7 Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu. 8 Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei nso, woyii Beser+ a ɛwɔ sare so no fii Ruben abusuakuw mu. Ná saa sare no wɔ bepɔw so asaase tratraa no so. Woyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead fii Gad abusuakuw mu, ɛnna woyii Golan+ a ɛwɔ Basan fii Manase abusuakuw mu.+
9 Eyinom ne nkurow a woyi maa Israelfo nyinaa ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no, na sɛ obi kum obi* na wanhyɛ da a, waguan akɔ hɔ,+ na nea wɔakum no no busuani* no ankum no kosi sɛ obegyina asafo no anim ama wɔadi n’asɛm.+