Atemmufo
2 Afei Yehowa bɔfo+ foro fii Gilgal+ kɔɔ Bokim, na ɔkae sɛ: “Miyii mo fii* Egypt baa asaase a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no+ so. Na mekae sɛ, ‘Meremmu apam a me ne mo ayɛ no so da.+ 2 Na mo nso, mo ne asaase yi sofo nnyɛ apam biara,+ na wɔn afɔremuka nso, mummubu ngu.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛ saa? 3 Ɛno nti mesan kae sɛ, ‘Merempam wɔn mfi mo anim,+ na wɔbɛyɛ afiri ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+
4 Bere a Yehowa bɔfo no kaa asɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no, wofii ase sui denneennen. 5 Enti wɔtoo hɔ din Bokim,* na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Yehowa.
6 Bere a Yosua gyaa Israelfo no kwan no, obiara kɔɔ n’agyapade so kogyee n’asaase.+ 7 Na Israelfo no kɔɔ so som Yehowa, nna a Yosua tenaa ase nyinaa ne mpanyimfo a Yosua wu akyi na wɔda so te ase no nna nyinaa mu, mpanyimfo a wohuu nnwuma akɛse a Yehowa yɛ maa Israel no nyinaa no.+ 8 Afei, Yehowa akoa Yosua a ɔyɛ Nun ba no wui bere a na wadi mfe 110.+ 9 Na wosiee no wɔ asaase a ɛyɛ n’agyapade so wɔ Timnat-Heres.+ Ɛwɔ Efraim mmepɔw mu wɔ Gaase Bepɔw atifi fam.+ 10 Wɔde saa awo ntoatoaso no nyinaa kɔkaa wɔn agyanom ho.* Na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae a na wonnim Yehowa anaa nea wayɛ ama Israelfo no.
11 Enti Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔsom Baal ahoni.+ 12 Wogyaw Yehowa hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Egypt asaase so bae no.+ Na wokodii anyame foforo akyi, aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame.+ Wɔkotow wɔn, na wɔhyɛɛ Yehowa abufuw.+ 13 Wogyaw Yehowa hɔ kɔsom Baal ne Astoret ahoni.+ 14 Enti Yehowa bo fuw Israel denneennen, na ɔde wɔn hyɛɛ nnipabɔnefo a wɔfom nneɛma nsa ma wɔfom wɔn nneɛma.+ Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia+ no, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+ 15 Baabi a wɔkɔe biara, Yehowa ko tiaa wɔn,* na ɔde amanehunu baa wɔn so+ sɛnea na Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ, ne sɛnea na Yehowa aka wɔn ntam no,+ na wohuu amane papaapa.+ 16 Ɛno nti, Yehowa maa wɔn atemmufo a na wogye wɔn fi wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nsam.+
17 Nanso atemmufo no mpo, wɔantie wɔn, na mmom wɔne anyame foforo bɔɔ aguaman, na wɔkotow wɔn. Ɔkwan a wɔn agyanom a wodii Yehowa ahyɛde so faa so no, wɔman fii so ntɛm koraa.+ Wɔansuasua wɔn agyanom no. 18 Bere biara a Yehowa bɛma wɔn ɔtemmufo no,+ na Yehowa di ɔtemmufo no akyi, na na ogye wɔn fi wɔn atamfo nsam wɔ ɔtemmufo no nna nyinaa mu. Yehowa yɛɛ saa, efisɛ sɛnea nkurɔfo dii wɔn ani na wɔteetee wɔn ma wɔtew nisu*+ no, ɛyɛɛ no mmɔbɔ.*+
19 Nanso sɛ ɔtemmufo no wu a, na wɔsan yɛ akyiwade a ɛsen nea wɔn agyanom yɛe no, na na wokodi anyame foforo akyi som wɔn kotow wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan, na wɔannyae wɔn subammɔne no. 20 Afei Yehowa bo fuw Israel denneennen,+ na ɔkae sɛ: “Esiane sɛ ɔman yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so+ na wɔantie me+ nti, 21 me nso, aman a Yosua anni wɔn so nkonim ansa na ɔrewu no, merempam baako mpo mfi wɔn anim.+ 22 Wɔbɛsɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛfa Yehowa kwan so+ sɛnea wɔn agyanom yɛe no anaa.” 23 Enti Yehowa maa aman yi kaa hɔ. Wampam wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.