Exodus 4:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+ Exodus 8:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bere a Farao hui sɛ ahotɔ aba no, opirim ne koma,+ na wantie wɔn sɛnea Yehowa kae no.+ Exodus 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nanso Yehowa maa Farao pirim ne koma na wantie wɔn, sɛnea na Yehowa aka akyerɛ Mose no.+ Romafo 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ,+ na nea ɔpɛ nso na ɔma ɔsen ne kɔn.+
21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+