Exodus 4:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+ Exodus 7:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na mɛma Farao apirim ne koma+ na ama mayɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade bebree wɔ Egypt asase so.+ Mmebusɛm 21:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ɔbɔnefo atõtõ n’ani awe,+ na ɔtreneeni de, ɔbɛma n’akwan atim daa.+ Romafo 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ,+ na nea ɔpɛ nso na ɔma ɔsen ne kɔn.+
21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wunya kodu Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwonwade a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma wapirim ne koma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+