1 Samuel 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ne mma amfa n’akwan so;+ wodii mfaso bɔne+ akyi, wogyee adanmude,+ na wɔdan atemmu ani.+ 1 Samuel 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+ Mmebusɛm 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔbɔnefo begye adanmude kokoam*+ de adan atemmu ani.+ Ɔsɛnkafo 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyɛso tumi ma onyansafo yɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo,+ na akyɛde+ tumi sɛe koma.+
3 Me na migyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne nea wasra no+ yi anim: Hena nantwi anaa n’afurum na magye,+ na hena na masisi no anaa mahyɛ no so? Hena nsam na magye adanmude de akata m’ani?+ Monka na menhyɛ mo ananmu.”+