Exodus 23:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Nnye adanmude, efisɛ nea ohu ade yiye mpo, adanmude tumi fura n’ani, na ɛma ɔtreneeni sesa n’ano.+ Deuteronomium 16:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. Mmebusɛm 29:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ogyigye adanmude dwiriw gu.+ Yesaia 1:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
8 “Nnye adanmude, efisɛ nea ohu ade yiye mpo, adanmude tumi fura n’ani, na ɛma ɔtreneeni sesa n’ano.+
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.
23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+