19 Ntoboa kronkron a Israelfo de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefo wɔ Yehowa anim daa.”+
11 Na faako+ a Yehowa mo Nyankopɔn ayi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na momfa nea maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ mo ntoboa,+ ne biribiara a moahyɛ bɔ+ sɛ mode bɛma Yehowa.