23 Afei Yosua faa nsase no nyinaa sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua kyɛ maa Israelfo no sɛ wɔn kyɛfa, sɛnea wɔn mmusua te.+ Efi saa bere no, ɔko anhaw asase no bio.+
4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti monsan nkɔ mo ntamadan mu, asase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya no so.+