Genesis 18:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsu kakra mmra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome dua yi ase.+ 1 Samuel 25:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuw fam+ kae sɛ: “W’afenaa ni, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura+ nkoa nan ho.”+ 2 Samuel 11:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie kɔhohoro wo nan ho.”+ Enti Uria fii ahemfie hɔ kɔe, na wɔde ɔhene akyɛde fi dii n’akyi. Luka 7:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Enti ɔhwɛɛ ɔbea no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fie; woamma me nsu+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nusu fɔw me nan ho na ɔde ne ti nhwi popae. Yohane 13:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu guasɛn mu na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho+ na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa ho. 1 Timoteo 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 nea wodi ne ho adanse sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ogyee ahɔho,+ ɔhohoroo akronkronfo nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+
41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuw fam+ kae sɛ: “W’afenaa ni, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura+ nkoa nan ho.”+
8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie kɔhohoro wo nan ho.”+ Enti Uria fii ahemfie hɔ kɔe, na wɔde ɔhene akyɛde fi dii n’akyi.
44 Enti ɔhwɛɛ ɔbea no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fie; woamma me nsu+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nusu fɔw me nan ho na ɔde ne ti nhwi popae.
5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu guasɛn mu na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho+ na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa ho.
10 nea wodi ne ho adanse sɛ ɔyɛɛ nnwuma pa,+ ɔtetee mma,+ ogyee ahɔho,+ ɔhohoroo akronkronfo nan ho,+ ɔboaa wɔn a wɔwɔ ahohia mu,+ ɔde nsiyɛ dii adwuma pa biara akyi.+