55 “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+
2 Na kae ɔkwan a Yehowa wo Nyankopɔn ma wofaa so wɔ sare so mfe aduanan+ yi nyinaa sɛnea wobɛbrɛ wo ho ase.+ Ɔsɔɔ wo hwɛe+ na wahu nea ɛwɔ wo komam,+ sɛ wubedi ne mmara so anaa worenni so.
13 ɛnde monhyɛ no nsow sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpam aman yi mfi mo anim.+ Na wɔbɛdan afiri ama mo na wɔabɛyɛ mpire wɔ mo akyi+ ne nsɔe wɔ mo aniwa mu akosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.+