Dwom 26:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O Yehowa, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ;+Yiyi m’asaabo ne me koma mu.+ Dwom 66:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 O Onyankopɔn, woapɛɛpɛɛ yɛn mu;+Woanan yɛn ayiyi yɛn mu sɛ dwetɛ.+ Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+ Mmebusɛm 24:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yennim eyi”+ a, so nea ɔkari koma no renhu,+ na nea ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhu,+ na ɔrentua ɔdesani ka sɛnea ne nnwuma te anaa?+ Yesaia 48:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Hwɛ, manan wo, nanso ɛnyɛ sɛ dwetɛ.+ Mapaw wo afi ahohia fononoo mu.+
12 Sɛ woka sɛ: “Hwɛ! Ná yennim eyi”+ a, so nea ɔkari koma no renhu,+ na nea ɔhwɛ wo kra no, ɔrenhu,+ na ɔrentua ɔdesani ka sɛnea ne nnwuma te anaa?+