7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+
7 sɛ wantan obiara ani+ na ɔde ohiani awowade san ma no,+ na ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no+ na ofura nea ne ho da so ntama;+