Dwom 37:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim,+Na ne kwan sɔ N’ani.+ Mmebusɛm 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔdesani koma hyehyɛ ne kwan,+ na Yehowa na ɔkyerɛ n’anammɔn kwan.+ Mmebusɛm 21:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+ Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.+ Yeremia 10:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 O Yehowa, minim sɛ ɔdesani kwan nni ne nsam. Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.+ 2 Petro 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu+ na wakora wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no so ama atemmu da ma wɔatwa wɔn afi hɔ,+
9 eyinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu+ na wakora wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no so ama atemmu da ma wɔatwa wɔn afi hɔ,+