6 Ɛnna Yehowa honhom baa no so,+ na ɔwaee aboa no mu abien sɛnea obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na onkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ nea ɔyɛe no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel ni, ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na waka.