10 Yehowa honhom+ baa no so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo. Na bere a ofii adi kɔkoe no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na odii Kusan-Risataim so nkonim.+
6 Ɛnna Yehowa honhom baa no so,+ na ɔwaee aboa no mu abien sɛnea obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na onkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ nea ɔyɛe no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+