25 Ɛnnɛ wasian kɔ sɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nguan pii rekɔbɔ afɔre,+ na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfo Abiatar;+ hwɛ, wɔredidi na wɔrenom wɔ n’anim, na nea wɔreka ara ne sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nnya nkwa!’+
39 Afei ɔsɔfo Sadok faa abɛn a ngo+ wom no fii ntamadan+ no mu na ɔsraa+ Solomon ngo, na wofii ase hyɛn mmɛn no ma ɔman no nyinaa bɔ gyee so sɛ: “Ɔhene Solomon nnya nkwa!”+
12 Ɛnna ɔde ɔhene ba+ no fii adi bae, na ɔde ahemmotiri+ bɔɔ ne ti, na ɔde Adanse+ no too ne ti so. Wɔsraa no,+ na wosii no hene.+ Afei wɔbobɔɔ wɔn nsam+ kae sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!”+
9 Na nnipakuw no, wɔn a wodi n’anim ne wɔn a wodi n’akyi no, kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ: “Yɛsrɛ wo gye no,+ Dawid Ba!+ Nhyira ne nea ɔba Yehowa din mu!+ Gye no, yɛsrɛ wo, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+