20 Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn mmɛn+ no na wɔbobɔɔ nhina no. Wɔde agyatɛn no hyɛɛ wɔn nsa benkum mu, na wɔde mmɛn no hyɛɛ wɔn nsa nifa mu hyɛnee, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Yehowa+ nkrante ne Gideon de!”
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel ni, ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na waka.