Atemmufo 3:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfo fii Filistifo+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwi kokunkum mmarima ahansia.+ Atemmufo 15:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Afei ohuu afurum abogye foforo bi, na ɔteɛɛ ne nsa fae de kunkum mmarima apem.+ 1 Samuel 13:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Sɛ edu da a wɔrekɔ ɔko a, wonhu ɔman no muni biara a ɔka Saul ne Yonatan ho a okura nkrante+ anaa peaw ne nsam; Saul+ ne ne ba Yonatan nko ara na wokura bi. 1 Samuel 17:47 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 47 Na bagua yi nyinaa behu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na Yehowa de gye nkwa,+ efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.”+
31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfo fii Filistifo+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwi kokunkum mmarima ahansia.+
22 Sɛ edu da a wɔrekɔ ɔko a, wonhu ɔman no muni biara a ɔka Saul ne Yonatan ho a okura nkrante+ anaa peaw ne nsam; Saul+ ne ne ba Yonatan nko ara na wokura bi.
47 Na bagua yi nyinaa behu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na Yehowa de gye nkwa,+ efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.”+