2 Na Saul paw mmarima mpem abiɛsa fii Israelfo mu; mpem abien bɛkaa Saul ho wɔ Mikmas+ ne Betel mmepɔw so, na apem nso kɔkaa Yonatan+ ho wɔ Benyaminfo kurow Gibea+ so. Ɔman no nkae nso, ogyaa wɔn kwan ma obiara kɔɔ ne ntamadan mu.
14Ɛbae sɛ da bi Saul ba Yonatan+ ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ Filistifo awɛmfo dɔm a wɔwɔ nohoa no mu.” Nanso wammɔ ne papa amanneɛ.+