27 Dawid sɔree, na ɔne ne mmarima no siim kokunkum+ Filistifo ahanu, na Dawid de wɔn dua ano were+ bae, na wɔkan ma ɛsoe de maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babea Mikal maa no aware.+
11 Akyiri yi, Saul somaa abɔfo+ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wonkum no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woamma wo kra anguan anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo.”
29 Bere a wɔde Yehowa apam adaka+ no duu Dawid Kurow mu no, Saul babea Mikal+ hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohui sɛ Dawid rehuruhuruw saw,+ na obuu ɔhene animtiaa+ ne komam.