27 Dawid sɔree, na ɔne ne mmarima no siim kokunkum+ Filistifo ahanu, na Dawid de wɔn dua ano were+ bae, na wɔkan ma ɛsoe de maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babea Mikal maa no aware.+
13 Ɛnna ɔkae sɛ: “Eye! Me ne wo bɛyɛ apam. Ade biako pɛ na merebisa afi wo hɔ, ɛne sɛ, ‘Mma m’anim,+ gye sɛ wode Saul babea Mikal+ abrɛ me ansa na woabehu m’anim.’”