Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 115:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

      Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;+

  • Dwom 135:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

      Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu hwee;+

  • Yesaia 44:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Wonnim,+ na wɔnte ase,+ efisɛ wɔde ade asra wɔn ani so na anhu ade,+ ne wɔn koma nso, na annya nhumu.+

  • Yesaia 45:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 “Mommoa mo ano mmra.+ Mommom ntwiw mmɛn, mo a moaguan afi amanaman mu.+ Wɔn a wɔsoso ohoni a wɔde dua asen anaa wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae no nnim hwee.+

  • Yeremia 10:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Wɔte sɛ ɛfere afuw so krakrabotobi a wɔnkasa.+ Ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontumi ntutu wɔn anammɔn.+ Munnsuro wɔn efisɛ wɔrentumi mfa mmusu biara mma, na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”+

  • Daniel 5:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Ɔsoro Wura no na woama wo ho so atia no,+ na wɔde ne fie anwenne aba w’anim,+ na wo ne w’abirɛmpɔn, wo yerenom ne w’ayefam anom mu nsã, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame+ a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnim hwee no,+ na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam+ a w’akwan nyinaa wɔ no no de,+ woanni no ni.+

  • Habakuk 2:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Sɛ odwumfo sen ohoni a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Mfaso bɛn na ɛwɔ dade honi ne atoro kyerɛkyerɛfo+ so?+ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfo de ne ho to nea wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a entumi nkasa?+

  • 1 Korintofo 8:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+

  • 1 Korintofo 10:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Ɛnde dɛn na menka? Sɛ́ nea wɔde bɔ afɔre ma ɔbosom no yɛ biribi, anaa ɔbosom yɛ biribi?+

  • 1 Korintofo 12:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Munim sɛ bere a moyɛ amanaman mufo+ no, wɔnam akwan horow so twee mo kɔɔ abosom+ a wɔnkasa+ ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena