1 Ahene 18:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wosiesiei, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no fi anɔpa kosii owigyinae sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne+ bi, na obi nso annye so.+ Saa bere no nyinaa na wɔrehuruhuruw twa afɔremuka a wɔasi no ho hyia. Yesaia 42:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasen so,+ wɔn a wɔka kyerɛ ahoni a wɔagu sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no, wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bewu. Yeremia 50:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Monka wɔ amanaman no mu, mommɔ no dawuru.+ Momma ahyɛnsode+ so, mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’
26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wosiesiei, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no fi anɔpa kosii owigyinae sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne+ bi, na obi nso annye so.+ Saa bere no nyinaa na wɔrehuruhuruw twa afɔremuka a wɔasi no ho hyia.
17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasen so,+ wɔn a wɔka kyerɛ ahoni a wɔagu sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no, wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bewu.
2 “Monka wɔ amanaman no mu, mommɔ no dawuru.+ Momma ahyɛnsode+ so, mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’