1 Ahene 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde bebu wo man atɛn,+ de ahu papa ne bɔne mu;+ hena na obetumi abu wo man a wɔn so di yɛ den+ yi atɛn?”+ Mmebusɛm 10:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Solomon+ mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔba kwasea hyɛ ne maame awerɛhow.+ Mmebusɛm 13:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔba a otie ne papa nteɛso no yɛ onyansafo,+ na ɔfɛwdifo ne nea ontie animka.+ Mmebusɛm 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔkwasea bu ne maame animtiaa.+ Mmebusɛm 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Anigye na ɔtreneeni papa benya;+ na onyansafo papa nso bedi ne ho ahurusi.+
9 Na ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde bebu wo man atɛn,+ de ahu papa ne bɔne mu;+ hena na obetumi abu wo man a wɔn so di yɛ den+ yi atɛn?”+