10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+
23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Mɛtew me din kɛse+ a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a muguu ho fĩ wɔ wɔn mfinimfini no ho, na sɛ amanaman no hu sɛ matew me din ho wɔ mo mu a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.+
7 Na mɛma wɔahu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wongu me din kronkron no ho fĩ+ bio, na amanaman no behu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+