Mmebusɛm 25:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Sɛ ɔkɔm de nea ɔtan wo a, ma no aduan nni; na sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.+ Mateo 5:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Nanso, mise mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo+ na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo,+ Luka 6:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo. Romafo 12:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mmom no, “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.”+
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.
20 Mmom no, “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.”+