Romafo
12 Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua mma+ sɛ afɔrebɔde+ a ɛte ase+ a ɛyɛ kronkron+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani,+ ɔsom kronn+ a adwene wom.+ 2 Na mommfa wiase nhyehyɛe yi su,+ na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo,+ na moasɔ ahwɛ+ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.+
3 Na menam adom a wɔde ama me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ;+ na mmom onnwen nnya anidahɔ adwene,+ sɛnea Onyankopɔn asusuw+ gyidi+ akyekyɛ ama obiara no. 4 Na sɛnea yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu,+ na akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, 5 saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua koro+ wɔ Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.+ 6 Ɛnde esiane sɛ ɛsonsono yɛn akyɛde+ sɛnea adom+ a wɔde adom yɛn te nti, sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, momma yɛnhyɛ nkɔm sɛnea gyidi a wɔasusuw ama yɛn no te; 7 anaa sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma a, momma yɛntena ɔsom adwuma no mu;+ anaa nea ɔkyerɛkyerɛ+ no, ma ɔntena ne nkyerɛkyerɛ no mu;+ 8 anaa nea otu fo no, ma ɔntena n’afotu mu;+ nea ɔkyekyɛ nneɛma no, onyi ne yam nyɛ;+ nea ɔyɛ ɔhwɛfo+ no, ɔmfa mmɔdenbɔ nyɛ; nea ohu mmɔbɔ+ no, ɔnyɛ no anigye so.
9 Mommma nyaatwom+ mmma mo dɔ+ mu. Munkyi bɔne,+ mommata papa ho.+ 10 Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu.+ Munni kan mfa nidi+ mma mo ho mo ho. 11 Monnyɛ mo adwuma anihaw so.+ Monyɛ hyew honhom mu.+ Monsom Yehowa.+ 12 Munni ahurusi anidaso no mu.+ Munnyina pintinn wɔ ahohia mu.+ Munkura mpaebɔ mu denneennen.+ 13 Momma akronkronfo nea wohia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ 14 Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo;+ munhyira,+ na monnnome.+ 15 Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi;+ na mo ne wɔn a wosu nsu. 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa mma afoforo;+ munnnwinnwen nneɛma akɛse ho,+ na mmom munni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafo.+
17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Munnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. 18 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe+ mu. 19 Adɔfo, munnni mo ho were,+ na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw;+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.”+ 20 Mmom no, “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom;+ na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.”+ 21 Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+