2 Samuel 23:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛnyɛ saa na me fie te Onyankopɔn ani so+ anaa?Efisɛ ɔne me ayɛ daa apam,+Na watoto ho biribiara pɛpɛɛpɛ.+Efisɛ ɛno ne me nkwagye+ nyinaa ne m’anigye nyinaa.Ɛnyɛ ɛno nti na ɔbɛma anyin?+ Dwom 89:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Mɛma m’adɔe ne no atena daa,+Na m’apam renni no huammɔ da.+ Yeremia 33:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 ɛnde me nso metumi abu me ne m’akoa Dawid ntam apam no so+ na wannya ɔba a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na ɛte wɔ Lewifo, asɔfo a wɔsom me+ no fam.
5 Ɛnyɛ saa na me fie te Onyankopɔn ani so+ anaa?Efisɛ ɔne me ayɛ daa apam,+Na watoto ho biribiara pɛpɛɛpɛ.+Efisɛ ɛno ne me nkwagye+ nyinaa ne m’anigye nyinaa.Ɛnyɛ ɛno nti na ɔbɛma anyin?+
21 ɛnde me nso metumi abu me ne m’akoa Dawid ntam apam no so+ na wannya ɔba a ɔbɛtena n’ahengua so adi hene;+ saa ara na ɛte wɔ Lewifo, asɔfo a wɔsom me+ no fam.