6 Ɛnna Solomon kae sɛ: “Wo na woyɛɛ me papa, w’akoa Dawid adɔe kɛse,+ sɛnea ɔde nokwaredi ne trenee+ ne koma a edi mũ nantew w’anim no, na wodaa adɔe kɛse yi adi kyerɛɛ no daa; woama wanya ɔba ma wabɛtena n’ahengua so ɛnnɛ da yi.+
12 “Ofie a woresi yi ho de, sɛ wonantew m’ahyɛde+ mu na woyɛ m’atemmusɛm+ na wudi me mmara nsɛm nyinaa so na wonantew mu+ a, me nso mɛma wo ho asɛm a meka kyerɛɛ wo papa Dawid no nyinaa aba mu;+