2 Beresosɛm 7:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na mebue m’aniwa+ ama mpae a wɔbɛbɔ wɔ ha no na mayɛ asõ+ atie. 2 Beresosɛm 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa de, n’aniwa+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma+ di mũ wɔ ne ho. Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm,+ na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+ Dwom 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa de, n’ahengua wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+ Dwom 34:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yehowa ani wɔ treneefo so,+Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+ Yesaia 37:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O Yehowa, yɛ aso na tie.+ Yehowa, bue w’aniwa+ na hwɛ, na tie nsɛm a Senaherib+ asoma sɛ wɔmfa mmetwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.+
9 Yehowa de, n’aniwa+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma+ di mũ wɔ ne ho. Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm,+ na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+
4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa de, n’ahengua wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+
17 O Yehowa, yɛ aso na tie.+ Yehowa, bue w’aniwa+ na hwɛ, na tie nsɛm a Senaherib+ asoma sɛ wɔmfa mmetwa Onyankopɔn teasefo no mpoa.+