Dawid dwom, bere a ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo+ wɔ Abimelek anim, na ɔpam no ma ɔkɔe no.
א [ʼAʹleph]
34 Mehyira Yehowa bere nyinaa;+
N’ayeyi rempa m’anom da.+
ב [Behth]
2 Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho;+
Ahobrɛasefo bɛte na wɔadi ahurusi.+
ג [Giʹmel]
3 Mommra mma yɛnkamfo Yehowa,+
Na momma yɛmmom mma ne din so.+
ד [Daʹleth]
4 Mede abisade too Yehowa anim, na obuaa me,+
Na ogyee me, m’ahude nyinaa mu.+
ה [Heʼ]
5 Nnipa a wɔde wɔn ani too no so no anim baa nyam,+
Na wɔn anim angu ase.+
ז [Zaʹyin]
6 Mmɔborɔni yi frɛe, na Yehowa tiee no.+
Ogyee no n’ahohia nyinaa mu.+
ח [Chehth]
7 Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra,+
Na ogye wɔn.+
ט [Tehth]
8 Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye;+
Anigye ne ɔbarima a oguan toa no.+
י [Yohdh]
9 Yehowa akronkronfo nyinaa, munsuro no,+
Efisɛ biribiara nhia wɔn a wosuro no.+
כ [Kaph]
10 Agyataforo mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn;+
Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa de, adepa biara remmɔ wɔn.+
ל [Laʹmedh]
11 Me mma, mommra mmetie me;+
Yehowa suro na mɛkyerɛ mo.+
מ [Mem]
12 Hena ne nea ɔdɔ nkwa,+
Na ɔpɛ sɛ ohu nna pa pii?+
נ [Nun]
13 Kora wo tɛkrɛma so, adebɔne ho,+
Ne w’ano, na anka nnaadaasɛm.+
ס [Saʹmekh]
14 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa;+
Hwehwɛ asomdwoe na di akyi.+
ע [ʽAʹyin]
15 Yehowa ani wɔ treneefo so,+
Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+
פ [Peʼ]
16 Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne,+
Sɛ obetwa wɔn din afi asase so.+
צ [Tsa·dhehʹ]
17 Treneefo teɛm, na Yehowa nso tie wɔn,+
Na ogye wɔn, wɔn ahohia nyinaa mu.+
ק [Qohph]
18 Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu;+
Ogye wɔn a wɔn honhom abotow.+
ר [Rehsh]
19 Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso,+
Nanso Yehowa gye no ne nyinaa mu.+
ש [Shin]
20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;
Emu biako mpo mmu.+
ת [Taw]
21 Ɔdebɔneyɛfo de, mmusu na ebekum no;+
Ɔtreneeni atamfo nso wobebu wɔn fɔ.+
22 Yehowa gye n’asomfo kra;+
Na obiara a ɔde no yɛ ne guankɔbea no, wɔremmu no fɔ.+