Dwom 17:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O Yehowa, tie me trenee adesrɛ; wɛn w’aso ma me sufrɛ;+Yɛ aso ma me mpaebɔ a efi ano a nnaadaasɛm nnim mu no.+ Dwom 31:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yɛ asõ ma me.+Gye me ntɛm so.+Bɛyɛ me botan abannennen+Ne ofie abannennen, na gye me.+ Dwom 65:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.+
17 O Yehowa, tie me trenee adesrɛ; wɛn w’aso ma me sufrɛ;+Yɛ aso ma me mpaebɔ a efi ano a nnaadaasɛm nnim mu no.+