14 Ade biako nso ni: Efi da a ɔhene yɛɛ me wɔn amrado+ wɔ Yuda asase so, Ɔhene Artasasta+ afe a ɛto so aduonu+ kosi n’afe a ɛto so aduasa abien+ so no, mfirihyia dumien ni, me ne me nuanom mpo anni aduan a ɛsɛ sɛ wɔde ma amrado no.+
6 Saa bere no nyinaa na minni Yerusalem; Babilon hene Artasasta+ afe a ɛto so aduasa abien+ mu na mekɔɔ ɔhene nkyɛn, na akyiri yi mesrɛɛ kwan de fii ɔhene nkyɛn kakra.+