5 Ɛno akyi no meka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Sɛ eye wɔ ɔhene ani so,+ na sɛ w’akoa anya w’anim dom a,+ ma menkɔ Yuda kurow a m’agyanom adamoa wom no mu na mensan nkɔkyekye.”+
6 Na ɔhene a ɔhemmaa te ne nkyɛn no bisaa me sɛ: “W’akwantu no bedi nna ahe, na da bɛn na wobɛsan aba?” Mehyɛɛ ɔhene da,+ na na eye+ wɔ n’ani so sɛ ɔbɛma makɔ.