Dwom 34:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mmɔborɔni yi frɛe, na Yehowa tiee no.+Ogyee no n’ahohia nyinaa mu.+ Yesaia 66:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa asɛm ni: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛe, na saa na ɛyɛe a ne nyinaa bae.+ Na nea mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+
2 Yehowa asɛm ni: “Nneɛma yi nyinaa, me nsa na ɛyɛe, na saa na ɛyɛe a ne nyinaa bae.+ Na nea mɛhwɛ no ne obi a ɔwɔ ahohia mu a ne honhom abotow,+ na ne ho popo wɔ m’asɛm ho.+