20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ bagua+ no nyinaa sɛ: “Munhyira+ Yehowa mo Nyankopɔn.” Na bagua no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase+ de wɔn anim butubutuw fam+ wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wohyiraa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
5 Na Lewifo Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkosi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’anuonyam din+ a wɔama so atra nkamfo ne ayeyi nyinaa no.