61Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+ efisɛ Yehowa asra me+ sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+ Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,+ na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum,+ na mimmue nneduafo aniwa.+
7 Na hwɛ! Yehowa bɔfo begyinaa+ hɔ, na hann bi hyerɛn afiase dan no mu. Ɔbɔɔ Petro nkyɛnmu nyan no+ kae sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa guu fam.+
26 Mpofirim ara asasewosow kɛse bi sii ma afiase no nnyinaso wosowee. Afei apon no nyinaa buebuei amonom hɔ ara, na wɔn nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn no sansanee.+