Yesaia 42:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Hwɛ, m’akoa+ a mikura ne mu denneennen!+ Nea mapaw no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ amanaman no.+ Mateo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei,+ na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so+ te sɛ aborɔnoma.+ Luka 4:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Yehowa honhom+ wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho,+
42 Hwɛ, m’akoa+ a mikura ne mu denneennen!+ Nea mapaw no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ amanaman no.+
16 Ɔbɔɔ Yesu asu wiei no ara pɛ na ofii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei,+ na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so+ te sɛ aborɔnoma.+
18 “Yehowa honhom+ wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho,+